Psalms 34

De kamfo Onyankopɔn papayɛ

1Mɛda Awurade ase daa!
Merennyae no kamfo da.
2Mɛkamfo no wɔ nea wayɛ ama me no ho.
Wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa ntie na wɔn ani nnye!
3Mo ne me nkamfo Awurade kɛseyɛ; momma yɛmmom nkamfo ne din!
4Mefrɛɛ Awurade na ogyee me so; oyii me fii me suro mu.
5Wɔn a wɔhyɛ wɔn so hwɛ no na wɔn ani gye; wɔrenni wɔn huammɔ.
6Onnibie frɛ no na ogye wɔn so; ogye wɔn fi wɔn haw nyinaa mu.
7Wɔn a wotie Awurade no, ne bɔfo wɛn wɔn, na ogye wɔn fi amane mu.
8Wʼankasa hwɛ ye a Awurade ye.
Nhyira nka wɔn a wonya guankɔbea wɔ ne mu.
9 Awurade nkurɔfo nyinaa muntie no.
Wɔn a wotie no no, nya nea ehia wɔn nyinaa.
10Agyata mpo, sɛ wonnya aduan a, ɔkɔm de wɔn; nanso wɔn a wotie Awurade no hwee nhia wɔn.
11Me nnamfonom nkumaa, mummetie me, na menkyerɛ mo sɛnea mobɛhyɛ Awurade anuonyam.
12Mopɛ sɛ motena anigye mu?
Mopɛ nkwa tenten ne ahotɔ?
13Ɛnne munnyae bɔne kasa ne atoro twa.
14Munnyae bɔne yɛ na monyɛ papa; momfa mo koma nyinaa ntiw asomdwoe akyi.
15 Awurade hwɛ atreneefo na otie wɔn sufrɛ nso.
16Nanso nnebɔneyɛfo de, otia wɔn; nti sɛ wowu a, ɛnkyɛ, wɔnkae wɔn.
17Atreneefo frɛ Awurade na otie; ogye wɔn fi wɔn haw nyinaa mu.
18 Awurade bɛn wɔn a wɔapa abaw.
Ogye wɔn a wɔn anidaso asa nkwa.
19Ɔhaw bebree to onipa pa; nanso,
Awurade gye no fi ne nyinaa mu.
20 Awurade kora ne so koraa a ne dompe baako mpo remmu.
21Bɔne kum ɔdebɔneyɛfo.
Wɔbɛtwe wɔn a wɔtan trenee aso.
22 Awurade begye ne nkurɔfo nkwa.
Wɔn a woguan toa no no wɔn ho renka.
Copyright information for TwiNAK